BECE 2018 Twi Language Past Questions

1. Berɛ a me sewaa woeɛ no, n’awofoɔ kɔmaa no
A. Yaakɔ
B. Dammirifua
C. Afirim
D. Due

2. Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwo he na ɛsɛ sɛ yɛma no akwaaba
A. Obia ɔretu kwan.
B. Obi a waware foforɔ.
C. Obi a ɔfiri akwantuom aba.
D. Obi a yɛakye no sɛ ɔrewia adeɛ

3. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ wɔ Akanfoɔ nkyea ho, gye sɛ
A. Sɛ obi rekɔgya ne nan a, ɔnkyea
B. Sɛ obi redidi a, yɛnkyea no
C. Yɛkyea firi nifa so
D. Yɛmfa yɛn nsa bɛnkum nkyea

4. Berɛ bɛn na Akanfoɔ ma obi due-ne onwunu
A. Anwummerɛ
B. Anɔpa
C. Prɛmotoberɛ
D. Awia

5. Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ hena Ɔkanni ba biara di kan nya
A. Aborɔfo din
B. Kradin
C. Adakam din
D. Abusua din

6. Akanfoo abandintoɔ mu no, nsuo ne nsa a wɔde sosɔ abɔfra no tɛkyerɛma so no gyina hɔ ma
A. Aniɛden
B. Akokoɔduro
C. Anoteɛ
D. Nokorɛdie

7. Akanfoɔ tumi bo Kofi mmrane sɛ
A. Ogyam
B. Bodua
C. Atoapoma
D. Tuo/Kyini

8. Sɛ Ɔbaa bi wo ntaa na sɛ ɛyɛ baa ne barima a yɛka sɔ wawo
A. Ahuhuro ne Awɔ
B. Takyi ne Kuro
C. Ahum ne Aham
D. Sika ne Amaneɛ

9. Agya Abankwa ne ne yere mma mmienu a, ɛdi kan yɛ mmarima. Deɛ otɔ so mmienu yɛ ɔbaa a, wɔbɛfrɛ no sɛn?
A. Konto [Bonus]
B. Mɛnsa
C. Adantam
D. Ahuhuro

10. Ɔbaa bi ware a ne deɛn ne ne kunu nuabaa?
A. Ne sewaa ha
B. Ne kora
C. N’akumaa
D. N’ase

11. Nnipa yi mu hwan na Akanman mu ɔyɛ ɔbarima bi wɔfase?
A. Ne nuabaa ba
B. Ne nana ba
C. Ne nuabarima ba.
D. Ne wɔfa ba

12. Yei na ɛdi adanseɛ sɛ ɔbarima bi aware ɔbaa bi wɔ Akanman mu
A. Kawa
B. Tiri nsa
C. Ayeforɔ
D. Danta

13. Akanfoɔ frɛ aduane edi kan a ɔbaa a wɔayɛ ne ho adeɛ foforɔ yɛ de kɔma ne kunu no ne ne akurɔfoɔ sɛ
A. Aduanekan
B. Aduanewoɔ
C. Aduanekɛseɛ
D. Aduanepa

14. Sɛ wɔgu ɔbaa bi hyire a, na ɛkyerɛ sɛ
A. N’awareɛ no asɔ twann
B. N’awareɛ no adi nkunim
C. N’awareɛ no atu mpɔn
D. N’awareɛ no agu koraa

15. Akanfoɔ bragrorɔ mu, sɛ wohunu sɛ dua tua obrani no ano a, ɛkyers sɛ
A. Ɔyɛ agyanka
B. Ne maame wuiɛ nkyueeɛ
C. Ɛkɔm de no
D. Obi asi no asiwa

16. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ Akanfoɔ akyiwadeɛ gye sɛ
A. Woredidi na worenom nsuo
B. Wode wo nsa benkum si fam kan sɔre berɛ a woredidi,
C. Wo ne wo papa redidi nai wodi.
D. Woredidi na woreto dwom:

17. Sɛ obi ka ntam wɔ Akanman mu a, · hwan na ɔkye no dedua?
A. Ɔkyeame
B. Ɔhene
C. Ahenkwaa
D. Dabehene

18. Akanfoɔ ayiyɛ mu no, sɛ mmaa su kɔ tia ba tia ansa na. wɔahyɛ ayfo no ase a, yɛka sɛ wɔreto
A. Ayikan
B. Ayinan
C. Sudwere
D. Sukan

19. Akanfoɔ frɛ nkra a obi a ɔrewu ne n’ abusuafoɔ di no sɛ
A. Nsamankɔm
B. Nsamankra
C. Nsamanseɛ
D. Nsamantoa

20. Sɛ obi wu na sɛ yɛka sɛ ɛyɛ sodoɔ a, na yɛrepɛ akyerɛ sɛ
A. Owufoɔ no anwo ba
B. Owufoɔ no wuu atofowuo
C. Owufoɔ no anyare anna hɔ ankyɛ
D. Owufoɔ no na ɔdi kan a wawu ne maame mma mu

21. Akanfoɔ amammerɛmu no, sɛ ɔbarima bi wu gya ne yere akyire a, ɛdi nna sɛn na ɔbaa no tumi, ware foforɔ?
A. Abosome nkron
B. Afe
C. Abosome nsia·
D. Abosome mmiɛnsa

22. Sɛ wɔde obi di hene a, edin bɛn na Akanfoɔ de to abɔfra obɛdi kan, awo no?
A. Kantinka
B. Ahenkan
C. Bɛkoe
D. Piesie

23. Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ na wɔfrɛ no ”ɔhene” yere”?
A. Ɛsɛn
B. Kontihene
C. Dabehene
D. Ɔkyeame

24. Sɛ ɔhene yɛ deɛ ɛdidi soɔ yimu baako a, wɔtumi gyina so tu no.
A. Sɛ ɔdidi wɔ abɔnten
B. Ɔbɛhyɛ atadeɛ apue
C. Sɛ obɛbɔ tikwa
D. Sɛ ɔbɛdi nkɔmmo wɔ abɔnten

25. Wɔdi apoɔ afahyɛ wɔ mantarm bɛn mu?
A. Apueeɛ mantam
B. Asante manta
C. Bono Ahafo mantam
D. Atɔeɛ mantam

26. Edin foforɔ a, Akanfoɔ de frɛ Akwasidɛɛ ne,
A. Kunikwasie
B. Nkyekwasie
C. Kwakwasie
D. Monokwasie

27. Akanfoɔ frɛ beaeɛ a okuani bɔ ne kookoo, bese na ɔburu sɛ
A. Kookooase
B. Ahyiaeɛm
C. Ahyehyɛeɛ
D. Abɔeɛ

28. Sɛ ɔbɔfoɔ kɔ ahayɔ a, ɛdeɛn an ɔyɛ sɛ deɛ ɛbɛyɛ a ɔnyera?
A. Ɔbotabota ‘nnuaa ho
B. Ɔgu ahahan.
C. Ɔde akaadoo gugu kwan no so
D. Ɔde nso gugu kwan no so

29. Sɛ ɔbofoɔ kum ɔbɔpɔn a, ɔdware
A. Ayeraduro
B. Sasaduro
C. Aboponduro
D. Atuduro

30. Obi a ɔsene nnua de yɛ akuaba, asɛsɛdwa, waduro, ntwene ne ade no, wofrɛ no sɛn?
A. Duadwonfoɔ
B. Ɔtomfoɔ
C. Sikadwomfoɔ
D. Dadedwomfoɔ

31. Ɔkanni ka sɛ adaduanan a ɛyɛ nnawɔtwe dodoɔ sɛn?
A. Nsia
B. Num ne fa
C. Num
D. Nsia ne fa

32. Twifoɔ nnabuo mu no, Ahinime yɛ bosome a ɛtɔ so
A. Nan
B. Nsia
C. Nwɔtwe
D. Du

33. Mpanin se, “Aberewa bɛdi twedeɛ a na ɛfiri ... ”
A. Ne se
B. Ne poma
C. N’ano
D. N’anim

34. Seantie ne ɔnwam
A. Atikɔpɔ
B. Awiawuo
C. Amanenya
D. Awiasu

35. Mmɛ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛkasa tia akwadworɔ?
A. Abɔfra bo nwa na ɔmmɔ akyekyedeɛ
B. Wote faako a, wote w’adeɛ so
C. Deɛ odwan pɛ na ɔde ne fufuo bɔ
D. Niwaa mma nsaeɛ a, wofase nni adeɛ

36. Agya adeɛ bi wo hɔ, sɛ wotia n’ ayaase a na wasere, sɛ woyi wo nan a, na wamuna. ɛyɛ deɛbɛn
A. Ɔkra
B. Dadefidie
C. Aponkyerɛnne
D. Dadepɔnkɔ

37. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, onipa mpɛ n ‘asɛm, nanso sɛ ɔba wo nkyɛn a, wobo wo nsam ma no. ɛyɛ deɛn?
A. Ntontom
B. Ɔwɔ
C. Nantwie
D. Akorɔma

38. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ fa amoma ho, gye sɛ
A. Ɛyɛ atetesɛm
B. Ɛyɛ abakosɛm
C. Ɛyɛ bɔsremka
D. Ɛyɛ akokoɔdurusɛm

39. Atetesɛm kyerɛ sɛ na saa onipa yi tumi de berɛ tiawa bi we aburopata?
A. Ɔkɔmfo Anɔkye
B. Aseibu Amamfi
C. Didifuro Kwadwo
D. Ɔkɔmfo Tuwoda

40. Atetesɛm kyerɛ sɛ saa onipa yi tumi de mpaboa foro bɛtene.
A. Ansa Sasraku
B. Tweneboa Kodua
C. Agyabirinti Mɛnsa
D. Ɔkɔmfo Anɔkye

0 Comments