BECE 2016 Twi Language Past Questions

1. 1 - 7
Yi mmuaeɛ A - D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ nkyea, edin ne abusuabɔ ho.

SƐ ɔkwantuni bi firi akwantuo mu a, abusuafɔ
A. Ma no adwuma
B. Bisa no kwan so
C. Ma no due
D. Ma no nante yie

2. Sɛ ɔkwantuni bɔ n' amanneɛ wie a ,abusuafoɔ ma no
A. Akwaaba
B. Adwuma
C. Due ne awɔ
D. Woaba a, tena ase

3. Ansa na wɔbɛbma abɔfra bi abusuadin no, na ɔwɔ
A. Abodin
B. Kradin
C. Ahendin
D. Apɛtɛdin

4. Sɛ yɛfrɛ obi Nyankomago a, na ɔyɛ
A. Bagyina
B. ɔdehyeɛ
C. Ntaafoɔ akyi ba
D. Tawia akyi ba.

5. Niwaa mma yq nnipa a
A. Wɔ maame awu
B. Wɔfiri yafunu baako mu
C. Wɔn maame yɛ ketewa
D. Wɔn nana yɛ bako

6. Sɛ mmarima baanu ware wɔ efie baako mu a, wɔyɛ
A. Kununom
B. Akorafoɔ
C. Nkummaafoɔ
D. Nsenom

7. Sɛ ɔbaa de abɔfra bi kɔware a, abɔfra no yɛ ɔbarima no
A. Banana
B. Abanoma
C. Bagyina
D. Tamboba

8. 8 - 20
Yi mmuaeɛ A - D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfo gyidie, owuo ne adedie ho.

Yɛgye di sɛ obi didi na wannwe nam a,
A. N'ani bɛfira
B. N'ano bɛkyim
C. N'aso bɛsi
D. Ne hwene bɛbo

9. Nnipa bɛn na Akanfoɔ bɔ abamo ma wɔn?
A. Fofie
B. Tawia
C. Nyankomago
D. Ntaafoɔ

10. Wokɔ wo dɔfo ayie ase a, wobɔ
A. Hyira
B. Ka
C. Tikwa
D. Nsawa

11. Ɔbaa bi kunu wu a
A. ɔyɛ ayɛ
B. ɔbɔ hyire
C. ɔyɛ kuna
D. ɔdware nsuo mu

12. Sɛ ɔbaa bi kunu wu a, berɛ bɛn na ɔtumi ware bio?
A. Afe baako
B. Abosome nsia
C. Adaduanan
D. Nsamantoa

13. Nhyehyɛɛ a obi yɛ fa n’agyapadeɛ kyɛ ho ansa na wawu yɛ
A. Nsamanfrɛ
B. Nsamanseɛ
C. Nsamankɔ
D. Nsamantoa

14. Sɛ ɔbarima bi yɛ agyapadeɛ bi wɔ abusua asase so a, ɛyɛ nokorɛ sɛ
A. Abusua nni so tumi
B. Ɔntumi mfa nkyɛ ne yere ne ne mma
C. Ɔtumi de kyɛ ne mma
D. Ɔtumi de kyɛ ne yere

15. Sɛ yɛka sɛ awarefoɔ bi bɔ mpoa a, na ɛkyerɛ sɛ
A. Ɔwo ntɛmntɛm
B. Ɔpɛ ayɔnkogorɔ
C. Ɔpɛ kyini
D. Ɔtwe mpena

16. Sɛ ɔbarima bi di badudwana , na ɛkyerɛ sɛ
A. Ɔwɔ nnwan du
B. Wadi odwan nkwan
C. Wawo mma du
D. Waware mma du

17. Yi deɛ enyɛ nokorɛ wɔ bragorɔ ho
A. Ɛgu ɔbaa no anima se
B. Ɛma ɔbaa no nya dwatire
C. Ɛma ɔbaa no nya kunu pa
D. Ɛhyɛ ɔbaa no animuonyam

18. Yɛde .... ka ɔbaa a yɛregorɔ no bra ano
A. Ɛnam
B. Kosua
C. Nsa
D. Nsuo

19. Anansesɛm mu ɔsebɔ taa di dwuma sw
A. Mmirikatufoɔ
B. Mmɔborɔhunufoɔ
C. Owudifoɔ
D. Onyansafoɔ

20. Asantefoɔ atetesɛm kyerɛ sɛ wɔpue firii fam wɔ
A. Ɔyoko
B. Kumase
C. Mampɔn
D. Asantemanso

21. 21 - 29
Yi mmuaeɛ A - D yi mu baako a ɛfa Akanfoɔ ahennie, afahyɛ, asɛnnie, nsaguo ne nnapɔnna ho.

Amanneɛ bɛn na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔatu ɔhene bi?
A. Yɛworɔ ne nan mu mpaboa
B. Yɛgye n’ afena
C. Yɛgye n’ akyeampoma
D. Yɛgye n’ apakan

22. Sɛ ɔhempɔn bi ka baabi a, Akanfoɔɔ tumi ka sɛ
A. Otumfoɔ atia mpaboa mu
B. Odupɔn atutu
C. Ɔberempɔn asoa ne bankyiniiɛ
D. Ɔhene kɔ nsrahwɛ

23. Sɛ Takyimanfoɔ redi apoɔ a
A. Ɔhene bɔ tikwa
B. Ɔhene mpue abɔnten
C. Wɔtumi ka ɔhene a nim
D. Ɔhene didi abɔntern

24. Yeinom baako nka mfasoɔ a yɛnya no afahyɛ ho
A. Ɛdɛ anigyeɛ ba
B. Ɛdɛ nkabom ba
C. Ɛdɛ mpontuo ba
D. Ɛdɛd ntɔkwa ba

25. Akanfoɔ frɛ wɔn nnapɔnna sɛ
A. Dapapa
B. Dabɔne
C. Afoofida
D. Dakronkron

26. Memeneda dapaa din foforɔ ne
A. Nkyɛinemene
B. Fɔmemene
C. Kurumemene
D. Monomemene

27. Amammerɛ kwan so no .... na wɔdai asɛm
A. Abadwafoɔ
B. Adansefoɔ
C. Atɛmmuafoɔ
D. Lɔyafoɔ

28. Adɛn nti na ɔkanni regu nsa a, ɔworɔ ne nan mu mpaboa?
A. Ɛkyerɛ abufuo
B. Ɛkyerɛ anibere
C. Ɛkyerɛ ɔko
D. Ɛkyerɛ obuo

29. Sɛ Akanfoɔ reyi apaeɛ a,
A. Wɔbu nkotodwe
B. Wɔkata wɔna ni
C. Wɔpagya wɔn nsa
D. Wɔworɔ wɔn ntoma gu wɔn mmatiri so

30. 30 - 40
Yi mmuaeɛ A - D yi mu baako a ƐyƐ na Ɛfa Akanfoɔ nsɔnkyerɛnneɛ a ɛkasa, mmɛ ne agya rekɔ ho.

Akyeampoma a ɔkwakuo a du baa so si so kyerɛ sɛ
A. Wopɛ sɛ dua mmu mmɔ ɔkwakuo a, ɛnoa no si
B. Ɔkwakuo ani ngye
C. Ɔkwakuo si dua so
D. Dubaa no akyere ɔkwakuo no

31. Akanman mu sɛ obi fira kuntunkuni anaasɛ kɔbenea , na ɛkyerɛ sɛ
A. N'ani abre
B. Ne bo afu·
C. Ne biribi awu
D. Ne werɛ aho

32. Biretuo akraboa ne ɔseboɔ a ɔgyina hɔ ma
A. Ahoɔherɛ
B. Ahoteɛ
C. Asomdwoeɛ
D. Ahoɔden

33. Akyekyedeɛ ne nwa nsɛnkyerɛnne kyerɛ deɛm?
A. Aniteɛ
B. Asomdwoeɛ
C. Ehu
D. Mmɔborɔhunu

34. Niwaa mma nsae a, .... Nni adeɛ
A. Babarima
B. Nuabarima
C. Wɔfaase
D. Nuabaa

35. Obi ɔmpɛ adwuma no .... na ɛbɛkum no
A. Ohia
B. Aborɔ
C. Aniteɛ
D. Soma

36. Obi; nkwati .... mmɔ pɔ
A. Akyerɛkyerɛkwan
B. Nsateahene
C. Kɔkorɔmmɔtoɔ
D. Kokurobetie

37. Obi mfa .... ne kasa
A. Adidie
B. Nkɔmmɔdie
C. Nsanom
D. Ntɔkwa

38. Ahwene pa ....
A. Kasa
B. Nkasa
C. Nyɛ fɛ
D. Yɛ fɛ

39. Agya adeɛ bi wɔ hɔ gye sɛ wobɔ n’ apampam ansa na watena ase. Ɛyɛ
A. Bɔɔlo
B. Dua
C. Dadewa
D. Praeɛ

40. Agya nam bi wɔ hɔ gye sɛ wowe ansa na woahunu sɛ mogya wɔ mu. Ɛyɛ
A. Ahwedeɛ
B. Borɔferɛ
C. Nkateɛ
D. Bese

0 Comments