BECE 2010 Twi Language Past Questions

1. Yi mmuaee A-D yi mu baako a eye na efa akanfoɔ abusuabɔ ho

Saa nnipa yi mu deɛ ɔwo he na ɔyɛ wo papa busuani? Wo papa
A. akonta
B. ba
C. sewaa
D. wɔfa

2. Sɛ Akanfoɔ ka sɛ bogya a, na ɛkyerɛ sɛn?
A. Abusua
B. Adamfo
C. Akyiwadeɛ
D. Awareɛ

3. Akanfoɔ wɔ gyidie sɛ onipa biara wɔ ɔkra ne sunsum. Kyerɛ edin foforɔ a yɛde frɛ mnsum
A. Abusua
B. Bogya
C. Nɔton (Ntorɔ)
D. Saman

4. Kyerɛ deɛ enti a ɔba ne ma yɛ abusuafoɔ
A. Wɔbɔ abusua-korɔ
B. Wɔbɔ ntɔn korɔ
C. Wɔwɔ adwene korɔ
D. Wɔwɔ sunsum korɔ

5. Ɔkwan bɛn so na Akanfoɔ nam bɔ agya abusua?
A. Abusuabɔ
B. Awareɛ
C. Kunayɛ
D. Owuo

6. Sɛ wo papa ware mmaa baanu a, obaa baako no yɛ wo maame deɛn?
A. Abanoma
B. Akumaa
C. Kora
D. Sewaa

7. Nneyɔeaɛ ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ akyiwadeɛ?SƐ woware
A. papa ba
B. sewaa ba
C. w’adamfo ba
D. wɔfa ba

8. Ɛdeɛn na ɛma obi hunu sɛ ɔne ɔfoforɔ som agya bosom baako? sɛ....
A. wɔbɔ abusua korɔ
B. Wɔni akyiwadeɛ yɛ pɛ
C. Wɔfiri kuro baako
D. Wɔyɛ bogya korɔ

9. Abusua bɛn na wɔgye di sɛ wɔde egya baa wiase?
A. Aduana
B. Asona
C. Ɔyoko
D. Biretuo

10. Abusua bɛn na wɔne akraboa din sɛ?
A. Aduana
B. Agona
C. Asona
D. Ɛkoɔna

11. Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ nɔ ɛfa Akanfoɔ adedie ne ahensɛm ho

11. Sɛ wɔpa ɔhene foforɔ a , wɔde no kɔkyerɛ.... kan.
A. Abakomahene
B. Amankrado
C. Gyaasehene
D. Sanaahene

12. Berɛ bɛn ba na wɔyi odiadefoɔ?
A. Adaduanan dua a
B. Da a onipa no hu wu no
C. Wɔnom sikasa wie a
D. Wɔyɛ dɔteyie wie a

13. Abusua bɛn mu na wɔyi odiadefoɔ firi?
A. Okunafoɔ abusua mu
B. Owufoɔ no abusua mu
C. Owufoɔ no papa abusua mu
D. Ɔhene abusua mu

14. Sɛ obi .... ampene a, onii no ntumi nni obi adeɛ
A. maame
B. nana
C. papa
D. wɔfa

15. Nnipa baanu bɛn na wɔbɔ mu si ɔhene anan mu?
A. Ɔhemaa ne Abusuapanin
B. Ɔhemaa ne Amankrado
C. Ɔhemaa ne Gyaasehene
D. Ɔhemaa ne Dabehene

16. To asɛm yi so; Sɛ niwa mma nsaeɛ a .... nni adeɛ
A. maame
B. nana
C. onua
D. wɔfaase

17. Nkroma te hɔ a Badu nni adeɛ. Yei kyerɛ s
A. abɔfra wɔhɔ a, ɔpanin nni adeɛ
B. Badu mma Nkroma nni adeɛ
C. wɔfaase wɔhɔ a, onua nni adeɛ
D. ɔpanin wɔ hɔ a, abofra nni adeɛ

18. Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ afahyɛ ho.

18. Aboa bɛn na Simpafoɔ kyerɛ de di Aboakyere Afahyɛ?
A. Ɔkankane
B. Ɔnwansane
C. Ɔsebɔ
D. Ɔtorɔmo

19. Kyerɛ botaeɛ a akyemfoɔ gyina so de di ohum.
A. Wɔde frɛ dɔm
B. Wɔde gye wɔn ani
C. Wɔde huro ɔkɔm
D. Wɔde sua amammerɛ

20. Ɛhefoɔ na wɔdi akwantu kɛseɛ Afahyɛ
A. kuapemfoɔ
B. Bonofoɔ
C. Dwaben Foforofoɔ
D. Kwawufoɔ

21. Nsɛm a ɛdidi soɔ yi de ɛwɔ he na ɛyɛ nokorɛ?
A. Afahyɛ de ɛka ba.
B. Afahyɛ kyerɛ abusua ase
C. Afahyɛ ma yehunu amammerɛ
D. Afahyɛ sɛe herɛ kwa

22. Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔhwɛ Bakatue afahyɛ a,ɛsɛ sɛ ɔkɔ
A. Ɛdena
B. Akyemfo
C. Odwaa
D. Simpa

23. Afahyɛ bɛn na Akuapemfoɔ die?
A. Akwammɔ
B. Apoɔ
C. Ohum
D. Odwira

24. Yɛ amammerɛ bi a ɛkyerɛ da titire bi a atwa mu wɔ oman bi
A. Afahyɛ
B. Anansesɛm
C. Bragorɔ
D. Nsaguo

25. Yi mmuaeɛ A – D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ mme ho.

25. Toa ɛbɛ yi so. Etire nte sɛ borɔferɛ na....
A. yɛabue so
B. yɛapae mu
C. yɛatwam
D. yɛawoso

26. Kontromfi se: Me suman ne....
A. m’adwene
B. m’ani
C. me nan
D. m’aso

27. Nsɛm a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na eyɛ nokorɛ?
A. Yɛde ɛbɛ kyerɛ kasakoa ase
B. Yɛde ɛbɛ toa ɛbɛ so
C. Yɛde ɛbɛ twa asɛm tenten tia
D. Yɛde ɛbɛ si kasakoa anan mu.

28. Mpanin se; Nsamanpom soduro, wo ni wu a, na.... asa
A. w’abusua
B. wo nkorofoɔ
C. wo nnamfonom
D. wo nuanom

29. Anomaa antu a,....
A. ɔbua da
B. ɔgyina hɔ
C. ɔsi faako
D. ɔte hɔ

30. Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa akanfoɔ atetesɛm ne anansesɛm ho

30. Hwan na tete no na wɔse ɔwe aburoopata no?
A. Aduobi Ata
B. Ampomfi
C. Asebu Amanfi
D. Atakora

31. Tete no na wɔse Onyankopɔn bɛn nnipa. Ɛyɛɛ dɛn na ɔkɔɔ sorosoro?
A. Aberewa bi de wɔmma wɔɔ no
B. Abɔfra bi tiaa ne nan so
C. Obi hwiee nsuo guu ne so
D. Papa bi too ɔboɔ bɔɔ no.

32. Sɛn na wɔfrɛ ɛdwom a atiefoɔ to wɔ anansesɛm mu?
A. Abraa braa
B. Aho
C. mmoguo
D. Nnwonkorɛ

33. Anansesɛm botaeɛ titire ne sɛ....
A. wɔde bɔ nkɔmmɔ
B. wɔde gyegye mmofra agorɔ
C. wɔde tu fo
D. wɔde twa asɛm tia

34. Anansesɛm mma mu deɛ ɔwɔ he na ɔyɛ aniteɛ pa ara?
A. Akokɔ Antwiwaa
B. Ananse
C. Ntikuma
D. Ɔkraman

35. Sɛ yɛka Sɛ anansesɛm mfimfini a na ɛkyerɛ....
A. anansesɛm no ankasa
B. anansesɛm no awieeɛ
C. mmoguo
D. ɔfrɛ

36. Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ agorɔ ne adwuma mu nnwom ho

36. Sisiri mbo, tabon mbo. Adwum bɛn mu dwom nie?
A. Ahayɔ
B. Kuayɔ
C. Ntomanwene
D. Apokɔ

37. Antoakyire yɛ mmɔfra agorɔ no mu baako. Kyerɛ ne botaeɛ
A. Ahoɔden
B. Ahwɛyie
C. Nnamfofa
D. Papayɛ

38. Toa saa dwom yi so: Dedendeee kwao Dedendee kwao, Agya Bɔfoɔ ne nkwan yɛ me dɛ nanso....
A. n’ataadeɛ yɛ me tumm
B. ne mpaboa yɛ me kɔɔ
C. ne nam yɛ me dɛ
D. ne tuo ho yɛ me tumm

39. Adɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom? Sɛdeɛ....
A. nkurofoɔ bɛte ne nne
B. nnipa bɛhunu sɛ ɔwɔ hɔ
C. obɛnya aboafoɔ
D. ɔrente ɔbrɛ

40. Deɛ ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Akanfoɔ agorɔ?
A. Ahayɔ
B. Antoakyire
C. Asɔba
D. Atentam

0 Comments