BECE 2012 Twi Language Past Questions

1. Sɛ wo dɛfo bi bɛsra wo awia na ɔrekɔ a, woma no
A. due ne awɔ
B. due ne wia
C. due ne brɛ
D. due ne nwunu

2. Sɛ wo ne obi rekɔ baabi na ɔdi kan na wokɔto no a, wokyea no sɛ........
A. mema wo ahyia
B. mema wo ɔduru
C. nkyɛre ba
D. mema wo akwaaba

3. Wɔwoa bɔfran a ɔdi .. ......... a, wɔto nedin
A. adaduanan
B. afe
C. rnnawɔtwe
D. bosome

4. Akanfoɔ de wɔn babarima panin to.......
A. abusuapanin
B. agya nua panin
C. agya kumaa
D. agya papa

5. Sɛ ɔbarima ware a, ne yere maame nuanom yɛ ne
A. nsenom ·
B. koranom
C. nkumaafoɔ
D. nsenkumaa

6. Sɛ ɔbaa ware a, ne kunu nuammarima yɛ ne
A. koranom
B. nkontanom
C. nsenom
D. kununom

7. Ɔbaa ware a, ne kunu nuammarima yɛ ne..........
A. koramma
B. nananom
C. mmannoma
D. mma

8. 8 - 15
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛYɛ pa ara a ɛfa Akanfoɔ akyiwadeɛ owuo ne bragoɔ ho.

Nsuo ne nsa a wɔde sɔ abɔfra anom berɛ a wɔreto ne din no kyerɛ....
A. ahoɔden
B. anoteɛ
C. nokorɛdie
D. papa ne bɔne

9. Abamo akyiwadeɛ ne.......
A. akokɔ
B. kusie
C. ɔtwe
D. wansane

10. Akanman mu sɛ obi rewu a,.....
A. wɔgu n'anom nsuo
B. wɔde no to ne benkum so
C. wɔnsɔ ne mu
D. wɔ teatea no

11. Nnoɔma a Akanfoɔ de gya owufoɔ kwan no wɔfre no sɛn?
A. Akatasodeɛ
B. Akyɛdeɛ
C. Asiedeɛ
D. Nkradiɛ

12. Sɛ obi de ka na ɔwu a, hwan na ɔtua ka no?
A. Abusuapanin
B. Anuanom
C. Obiara ntua
D. Odiadefoɔ

13. Kukuo a okunafoɔ kɔbɔ no kurotia no kyerɛ sɛ....
A. ɔne ne kunu adi ntetemu
B. ɔmpɛ kukuo no
C. ne bo afu
D. ɔnnidi bio

14. Ansa na wɔbegoro abaayewa bi bra no wɔkɔbɔ hwan amanneɛ?
A. Abusuapanin
B. Ɔhemmaa
C. Ɔhene
D. Nananom

15. Sɛ wɔgoro abaayewa bi kyiribra a,........
A. ehyɛ a busua no animuonyuam
B. ɛgu awofoɔ wwwwno anim ase
C. ɛma ɔbaa no nya dwetire
D. ɛmma ɔbaa no nya kunu pa

16. 16 - 29
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ pa ara a ɛfa Akanfoɔ ahennie ne afahyɛ ho

Yeinom baako nka ɔhemmaa adwima ho
A. Ɔsiesie nsɛm
B. Ɔtu ɔhene fo
C. Ztumi pa ɔhene
D. Ɔnoa ɔhene aduane

17. Nnipakuo yi mu baako nni dwuma wɔ Akanfoɔ asɛnnie mu
A. adansefoɔ
B. byafoɔ
C. agyinatufoɔ
D. badwafoɔ

18. Sɛ Akanfoɔ retu agyina wɔ asennie mu a, na ɛkyerɛ sɛn?
A. Wɔrekɔbisa aberewa
B. Wɔrekɔdidi aba
C. Wɔatu asɛm no ahyɛ da
D. Wɔregye wɔn ahome

19. Hwan na ɔhwɛ ɔhene fotoɔ so?
A. Ankɔbeahene
B. Gyaasehene
C. Sanahene
D. Kurontihene

20. Hwan na ɔyan ɔhene atumpan
A. Ɛsɛn
B. Ɔkyerɛma
C. Abrafoɔ
D. Mmɛnsonfoɔ

21. Aboa bɛn na Kumawufoɔ de di Papa afahyɛ?
A. ɔsono
B. ɔtwe
C. nantwie
D. wansan

22. Sɛ ɔhene reba adwabɔ ase afahyɛ berɛ a,
A. ɔnante bɔkɔɔ
B. ɔkasakasa
C. ɔhurihuri
D. ɔtu mmirika

23. Wɔfrɛ wɔn a wɔdi ɔbɔfoa aky kɔ ahayɔ sɛ.....
A. aboafoɔ
B. ayawfoɔ
C. akyidifoɔ
D. asomafoɔ

24. Akanfoɔ tumi fr Akwasidɛɛ sɛ...
A. Fɔkwasie
B. Monokwasie
C. Nkyikwasie
D. Kurukwasie

25. Benada Dapaa adekyeeɛ yɛ.......
A. Kwawukuo
B. Kurudapaakuo
C. Monowukuo
D. Ngonawukuo

26. Akwasidɛɛ biara Akanfoɔ.. ..... .
A. gu nsa
B. bɔ tikwa
C. hyɛ fa
D. nnidi

27. Sɛ wɔregye awareɛ a, ɔbaa no abusuafoɔ taa de tire-adeɛ no
A. kɔma abusu-apanin
B. kɔgye wɔn ani
C. kɔtua abusua ka bi
D. kɔma ɔhemmaa

28. Agyapadeɛ titire a ɛfiri awareɛ mu ba ne......
A. ayɔnkofa
B. anigyee
C. sika
D. mma

29. Hwan na ɔgu ɔbaa no hyire wɔ awaregyaeɛ mu?
A. Nkontanom
B. Nana
C. Nsenom
D. Nkurnaafoɔ

30. 30 - 35
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛYɛ pa ara a ɛfa Akanfoɔ, mme ne agya rekorɔ, ho

Abɔfra nnim adwareɛ a enyɛ ....
A. n'afuru so
B. n'anim
C. ne kɔn ho
D. ne nsa ho

31. Aberewa bɛdi twedeɛ a, na ɛfiri...........
A. n'ano
B. ne nsa
C. ne nananom.
D. ne poma

32. Wopam ohufoɔ a ,
A. woto ne barima
B. ɔtwe sekan
C. wonya asem
D. ne koma te.

33. Sɛ woyɛ bi na anye yie a wɔfrɛ wo..........
A. ayɛbiagya
B. ayɛbiaguo
C. ayɛboafo
D. ayɛbiakyerɛ

34. Agya adeɛ bi wɔ hɔ sɛ wotia n'ayaase a, na ɔresere. Ɛyɛ
A. apasoɔ
B. kaa
C. mpaboa
D. dadefidie

35. Agya nipa bi wɔ hɔ, ɔte fie a na n'abɔdwesɛ gu abɔnten.Ɛyɛ
A. abɛ
B. mframa
C. wisie
D. nsuo

36. 36 - 40
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ pa ara a ɛfa Akanfoɔ atetesɛm, anansesɛm, nsaguon e nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkasa ho.

Kane no na wɔfrɛ anansesɛm sɛn?
A. nyankonsɛm
B. abasɛm
C. bɔsrɛmka
D. adomankomasɛm

37. Sɛnti a tete no na wɔnto ananseɛm awia ne sɛ…
A. ahuhuro bɛde wo
B. ɛnyɛ anigye
C. yɛmmɔ mmoa din awia
D. ɛsɛe adwumayɛ

38. Asantefoɔ atetesɛm kyerɛ se na wɔde egya baeɛ.
A. Asonafoɔ
B. Biretufoɔ
C. Aduanafoɔ
D. Ɔyokofoɔ

39. Wɔnyɛ yeinom baako Wɔ nsagu mu
A. Wɔkata wɔn ani.
B. Wɔbɔ abosom ne nsamanfoɔ din
C. Wɔfpia wɔn ntomaa gu wɔn mmatiri
D. Wɔyi wɔn nan mu mpaboa

40. Akanman mu sɛ obi resa na ɔfoforɔ pagya ne nsa kyerɛ no a, ɛkyerɛ sɛn?
A. nnyae asa
B. Ɔma no mo
C. Ɛdwom no yɛ dɛ
D. Ɔnnyina hɔ

0 Comments