BECE 2020 Twi Language Past Questions

1. Sɛ wo ne obi retu kwan na ɔdi kan gya wo na wokɔto no a, wobɛkyea no sɛn? Mema wo....
A. ahyia
B. ayikoo
C. adikan
D. akwaaba

2. Sɛ wonam kwan so na wohyia obi a, wobɛkyea no sɛn?Mema wo....
A. ahyia
B. ayikoo
C. adikan
D. akwaaba

3. Ɔkanni hyia a ɔnkyea berɛ a ....
A. ɔrekɔdidi
B. ɔrekɔdware
C. ɔrekɔse ayie
D. ɔrekɔgya ne nan

4. Abɔfra a ɔtwa n’ awofoɔ mma nyinaa toɔ na wɔfrɛ no....
A. Osiakwan
B. Kaakyire
C. Adinkra
D. Asa

5. Atuakɔsɛn yɛ .... akyi ba
A. Ntaafoɔ
B. Nyankomago
C. Tawai
D. Boɔkrukruwa

6. Wo yere maame yɛ....
A. W’akumaa
B. Wo sewaa
C. Wo nana
D. W’ase

7. Wo papa akonta yɛ wo ....
A. papa
B. nana
C. ase
D. wɔfa

8. Nkumaa gyina hɔ ma ....
A. kunu nuamaanom
B. koraanom
C. nsenom
D. sewaanom

9. Bosome a ɛtɔ so nson wɔ afe mu ne
A. Ɔpɛpɔn
B. Kitawonsa
C. Ɔbɛnem
D. Ɔsannaa

10. Edin foforɔ a Akanfoɔ de ma nnawɔtwe nsia ....
A. adauosia
B. adaduaɔwɔtwe
C. adaduanan
D. adaduoum

11. Abosome .... na ɛyɛ afe baako?
A. nkron
B. dummienu
C. dubaako
D. du

12. Da bɛn na ɛdi Awukuɛɛ anim?
A. Dapaa
B. Nkyiwukuo
C. Fɔdwoɔ
D. Monokwasie

13. Afahyɛ a kumawufoɔ di ne ....
A. Apoɔ
B. Aboakyire
C. Papa
D. Adɛɛ

14. Hwan na ɔyan atumpan wɔ afahyɛ aseɛ?
A. Ɔkyeame
B. Ɔbrafoɔ
C. Ɛsɛn
D. Ɔkyerɛma

15. Abusua bɛn mu nnipa na wɔtumi di Asantehene?
A. Aduna
B. Ɔyoko
C. Asona
D. Ɛkoɔna

16. Nnipa yi mu hwan na ɛka mpanimfoɔ ho si ɔhene?
A. Aberewatia
B. Nananom
C. Ɔheɛnmsa
D. Nana aberewa

17. Obi hwɛ ɔman sika so a na ɔyɛ hwan?
A. Sikakorahene
B. Soodohene
C. Dabehene
D. Sɛnsahene

18. Wei yɛ nea wɔtaa yɛ wɔ nsaguo mu.
A. Wɔworɔ wɔn mpaboa
B. Wɔbu nkosodwe
C. Wɔkata wɔn nai
D. Wɔbɔ wɔn nsam

19. Dwumadie ɛtɔ so mmienu wɔ nsaguo mu ne....
A. Ɔfrɛ
B. Nhyira
C. Amanebɔ
D. Nnome

20. Sɛ obi resa na ɔde ne nsa gu ne ti a, ɛkyerɛ sɛ ....
A. ne ti yɛ ne ya
B. wayɛ mmɔbɔ
C. wabrɛ
D. ne nsa mu abu

21. Sɛ wohunu praeɛ a yɛakyekyere wɔ adwinneɛ bi mu a ɛkyerɛ ....
A. asetena pa
B. nkabɔmu
C. ayɔnkofa
D. onuadɔ

22. Sɛ woredidi a, .... Ɛyɛ akyiwadeɛ.
A. womfa wo nsa benkum nsi fam
B. wonhohoro wonsa
C. obi bɛto wo a, womfrɛ no
D. wontena ase

23. Akanfoɔ akyiwadeɛ baako nso ne sɛ ....
A. abɔfra bɛkɔ dwam anɔpa
B. yɛntɔn kosua mma akwadaa
C. yɛrekɔ afuom a, yɛnto dwom
D. ɔbaa nyinsɛn a wɔyɛ ne bɔ adeɛ

24. Amanneɛ a wɔyɛ ma abaayewa a wɔgoro no bra no bi ne deɛn?
A. Nnwontoɔ
B. Hyiregu
C. Asɔba
D. Anoka

25. Tete no, sɛ abaayewa bi yɛ kyiribra a, na ....
A. wɔgu no hyire
B. wɔtwa no asuo
C. wɔboro no
D. akɔ ne nana nkyɛn

26. Deɛn pɔtee na abusuafoɔ hwɛ ho de ɔbaa ma ɔbarima bi awareɛ?
A. Suban
B. Ahoɔfɛ
C. Sika
D. Adan

27. Kyerɛ deɛ enti a Akanfoɔ mpɛ koratwe. Ɛde ....
A. mogya fra ba
B. mmusuo ba fie
C. awododoɔ ba fie
D. ntɔkwa ba awarefoɔ ntam

28. Deɛn ne akonta sekan?
A. Ntoma a wɔde ma awofoɔ
B. Nnoɔma a wɔde ma badwafoɔ
C. Sika a ɔbarima tua ma ne yere nua mmarimanom
D. Sekan a nkontanom gye

29. Sɛ ɔbaa di owufoɔ adeɛ a, yɛse wafa owufoɔ no...
A. sɔsɔ
B. asɔ
C. sekan
D. kɛntɛn

30. Deɛn na ntoma fitaa fura da no adi wɔ ayiase?
A. Ɔpanin a wanyini yie bi awu
B. Aberanteɛ bi awu
C. Abɔfra bi awu
D. Ɔbɔfoɔ bi awu

31. Adɛn nti na Akanman mu wɔnto anansesɛm aɔpa?
A. Mpanimfoɔ mpe saa
B. Ɛye akyiwadeɛ
C. Ɛmma dwumadie no nye dɛ
D. Ɛsɛe berɛ

32. Asantefoɔ hyɛ anansesɛm ase sɛ ....
A. Abraa abraa o!
B. Yɛnse sɛ nse sɛo!
C. Yɛsesa soa wo!
D. Kodzi wɔngye ndzi!

33. Benkum dware nif a na nifa nso adware benkum kyerɛ ....
A. ayɔnkofa
B. asomdwoeɛ
C. ahobraseɛ
D. ntɔkwa

34. Agya adeɛ bi wɔ hɔ ne ti mpae no da. Ɛye deɛn?
A. Ɔwɔ
B. Akoɔ
C. Akyekyedeɛ
D. Kɔtɔ

35. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, onni nsuo nanso sɛ ɔhɔho bɛto no a, ɔma no nsuo nom. Ɛye deɛm?
A. Kube
B. Ankaa
C. Nufu
D. Mango

36. Nnɔbaeɛ a yɛnya firi akuafoɔ hɔ ne....
A. mako, hayerɛ, nkyene
B. nyaadewa, mankani, gyeene
C. bankye,adua sɔsɔ
D. aborɔbɛ,gyeene, asɔ

37. Adeɛ titire a okukunwonofoɔ de di ne dwuma ne ....
A. kɛntɛn
B. abɔsobaa
C. sradaa
D. dɔteɛ

38. Sɛ mpanimfɔre di asɛm a, wɔtaa tu ....
A. aberewaa
B. ayina
C. sradaa
D. dɔteɛ

39. Hwan, Hwan Ba nie. Ɛdwom bɛn nie?
A. Nnwonkorɔ
B. Bradwom
C. Abagyegyedwom
D. Mmoguo

40. Sansana akorɔma wo ni awuo ye agorɔ bɛn nnwom?
A. Aboɔsi
B. Ampe
C. Asɔba
D. Pempena

0 Comments